Joyce Blessing – Mmrane (Worship) Lyrics

Joyce Blessing – Mmrane (Worship) Lyrics
Mmrane (Worship)
Joyce Blessing
    Lyrics copied!
    Mmrane (Worship) Album Art
    "Mmrane (Worship)." - Joyce Blessing

    Album: Mmrane (Worship) - Single
    Track No: 01
    Igwe, Nyame ɔsɛ aseda oo
    Mefrɛ wo Igwe Nyame wosɛ ayeyi oo
    Igwe, Igwe, Igwe, Igwe, Igwe, Igwe Nyame
    Aseda ee, aseda nkoaa ni
    Igwe, Nyame ɔsɛ aseda oo
    Tetekwafram Onyame no no
    Onyame wosɛ ayeyi oo
    Tetebontan yɛ twire woa yɛmpa hwire da
    Wosɛ aseda oo, aseda eee
    Be calm host above, be quiet host below
    Yeshua Hamashiach is coming down today
    Nsɛnkyerɛni ne sɛ, nsenkubɔfoɔ di no akyi
    Abi nso di n'anim oo
    Unbreakable menso medi n'anim bi oo
    Na ɔguama no nso awoso akasa oo
    Afei ɔbɔ no mmrane
    Ɔbɔ no mmrane, ɔbɔ no mmrane
    Ɔbɔ no mmrane, ɔbɔ no mmrane
    Ɔtetetetekwafram Onyame
    Prɛkɛse gyaamadu no no
    Ofiti kurotia Nyame ee
    Ɛyɛ a ne ho agye afie mu oo
    Ɔka ne ho a deɛ aduro biara nka dam oo
    Onyame kokoroko, Onyame kakakra ei
    Yɛ pagya, yɛ pagya wo din daa
    Na aguama no gu so ara rekasa
    Afei wɔbɔ no mmrane sɛ, wɔbɔ no mmrane sɛ
    Ɔbɔ no mmrane, neɛ ɔte akongua kɛseɛ soɔ no
    Ayeyie, ayeyie, ayeyie nka no din Onyame aguanma ee
    Mese menkasɛ Igwe, Nyame wo sɛ aseda oo
    Aseda ee, Nyame ee w'aseda ni oo
    Ɛnnora annwumerɛ mehyia Yeshua Hamashiach
    He says he's coming down today, to perform a miracle
    For you and I, na mese ɛyɛ me Adam nana ei
    Sɛ anka me bɔne ahyɛ me ma, very far from the mercy
    But you've given me opportunity to worship your majesty
    Till eternity to the holy trinity
    Angels are singing, seraphim and cherubim
    Okoto, nana Nyame, Adam nana ei
    Menso mɛkoto no bi oo, mɛbɔ ne din akyerɛ aman oo
    Nyame, na maka sɛ maka sɛ
    Igwe, Nyame wosɛ aseda oo
    Igwe, Igwe, Igwe, Igwe, Igwe
    Igwe, Nyame wosɛ aseda oo
    Igwe, Nyame wosɛ aseda oo
    Aseda ee, Nyame ee w'aseda nkoaa ni
    Yɛnkoto nda n'ase oo Nyame no no
    Yɛnnase ee, w'ama y'atamfo ate shock oo Nyame
    Neɛ w'ayɛ no deɛ ɛnoa no no aa
    Yɛnkoto nda n'ase ee
    Yɛnkoto nda n'ase ee aah
    Onyame ayɛ ne deɛ
    Obi nsɛ wo ee, Nyame
    Obi nsɛ wo oo, na obi nsɛ wo, na nsɛ wo ai
    Ɛyɛ wo na wo hunu adeɛ nyinaa tiri soɔ
    You've got the whole world in your hands
    Ɔde ne hoɔ no no
    Hey ɔkatakyie, mmirikisi a yɛnntumi noɔ nono Nyame ee
    Nti me mefrɛ no ɔkwanbenane Nyame nono a
    Osi a na awoso oo, ɔka ne ho a osi a na awoso
    Ɔka ne ho deɛ aduro biara nka dam oo
    Atamfo ate shock oo
    Hwɛ w'atea mu sɛ
    Mesi dɛn menyi wayɛ oo
    Mesi dɛn memma wo so oo Nyame
    Hwɛ nneɛma pa w'ayɛ ama me ei
    Medwen ho menteaseɛ
    Abre a anidasoɔ saa yɛ no
    Nipa nyinaa dane wɔn akyi ma me no
    Awurade wo na wo sɔɔ mensa na woboa me oo
    Medawase aa na ɛsɛ wo oo
    Me yi w'ayɛ oo Nyame ee Nyame ee
    Neɛ Nyame ayɛ ne deɛ ɛno nono oo
    Yɛnkoto nda n'ase ee
    Yɛnkoto nda n'ase ee aahh
    Onyame ayɛ no deɛ
    W'ayɛ aa ama no ayɛ me huahua
    Onyame w'ayɛ aa ma no adi mu aa ei
    Afei w'ama m'atamfo nyinaa ho adwire wɔn
    Na afei w'atia mu sɛ ei
    W'ayɛ ama no ayɛ me huahua
    W'ayɛ ama no adi mu oo
    Hwɛ sɛ atamfo nyinaa ate shock oo
    Atia mu sɛ Onyame nono Onyame nono Onyame nono
    Mesi dɛn yi no ayɛ
    Mesi dɛn memma no so oo
    Nneɛma pa w'ayɛ ama me ei
    Medwen ho menteaseɛ oo Nyame

    Writer(s): Joyce Blessing.

    All lyrical content displayed on this website is the intellectual property of its respective copyright holders. No ownership is implied, and no copyright infringement is intended.

    Get the Latest Lyrics Updates!

    Subscribe now and never miss a new song lyric update.

    Failed to load audio, please try again later.
    Failed to load song data.
    Invalid email address entered!
    Enter your suggestion!
    Thanks for your suggestion!
    Link copied
    Stop & exit Playlist

    Suggest a Lyrics Edit

    Stop Song
    Rhyto-Artwork

    Mmrane (Worship)

    Rhyto
    × Add Rhyto to your Home Screen!