Nacee – Aseda Lyrics

Nacee – Aseda Lyrics
Aseda
Nacee
    Lyrics copied!
    Aseda Album Art
    "Aseda." - Nacee

    Album: Aseda - Single
    Track No: 01
    Osu a mesuueɛ yi, Woayi me afiri mu o
    Amaneɛ a mekɔɔ mu yi, Nyame, Woayi me afiri mu o
    Yɛsumm fidie maa me, yɛtuu amena maa me
    Yɛkaa ntam guu me so sɛ me, menyɛ yie da wɔ abrabɔ yi mu
    Nso monhwɛ nea Nyame ayɛ
    (A-) a-a-a (se-) -seda ei (-da) ah
    (Mefiri m'akoma mu nyinaa, meda Wo ase o)
    Deɛ Woayɛ yi ɛsɔ m'ani o (a-ase-)
    Deɛ Woayɛ yi ɛsɔ m'ani (da) eh-eh
    (Mefiri m'akoma) yeah-yeah (mu nyinaa) oh, oh
    (Meda Wo ase o) oboni a, nti Nyame
    (Ase-) me a na yɛmfa me nka ho no (-da)
    Ɛnnɛ deɛ me nso manya (mefiri) yafunu (m'akoma) awo ba
    (Mu nyinaa, meda Wo ase o)
    Ɛnnɛ, me nso yɛreba abɛyɛ me ho adeɛ
    (A-A) ei (-se) Nyame, Wowɔ hɔ (-da), Woate?
    Agya ei (mefiri m'akoma) Woayɛ bi o (mu nyinaa)
    Woayɛ bi o (meda Wo ase o)
    Mpaeɛ a mebɔɔeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me
    Akɔmkyere a mekyereeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me, ah
    Sɛ menim sɛ Wobɛyɛ me sei a, anka mansu da
    Menim sɛ Wobɛyɛ me sei a, Agya, nka mankasa antia Wo da
    Mese adeɛ a Woayɛ yi deɛ, a-ase-eda ei
    Mefiri me honam mu nyinaa, me deɛ, meda Wo ase o, eh
    Aseda ei, mefiri me nipadua mu nyinaa, meda Wo ase o
    M'aseda nwom nie
    (A-) a- (-se) -se (-da) da
    Mefiri m'akoma mu nyinaa, meda Wo ase o
    Deaa Woayɛ yi ɛsɔ m'ani o
    (A-ase) deaa Woayɛ yi ɛsɔ m'ani (da) ɛsɔ m'ani
    (Mefiri m'akoma mu nyinaa) ɛsɔ m'ani (meda Wo ase o)
    Mpaeɛ a mebɔɔeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me
    Afɔdeɛ a meyiiɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me
    Menim sɛ Wobɛyɛ me sei a, ei, anka manwiinwin
    Nyame, menim sɛ Wobɛhyira me ama no abu so deaa
    Anka mankasa antia Wo da, mese m'aseda nsa da o
    (Ase-) ade a Woayɛ ama me no o (-da) mɛka o
    (Mefiri m'akoma mu nyinaa) yɛmfa N'aseda mma no woate? Ah
    (Meda Wo ase o) deaa Woayɛ yi, ɛboro me so o, eh
    (A-) ɛboro me so o (se) ɛboro me so o (da)
    (Mefiri m'akoma mu nyinaa) ah (meda Wo ase o)
    Ɛboro me so, yɛrekɔ a metumi kɔ bi o
    (A) yeah (se) nea Woayɛ yi (da)
    (Mefiri m'akoma mu nyinaa) m'akoma
    (Meda Wo ase o) obonin a ɔte sɛ me ei
    (A) odwamanmmɔni a (se) bi te sɛ me (da)
    Adedamfikire bi (mefiri m'akoma mu nyinaa) ɔte sɛ me
    Meda Wo ase (meda Wo ase o)

    Writer(s): OSEI NANA KWAKU.

    All lyrical content displayed on this website is the intellectual property of its respective copyright holders. No ownership is implied, and no copyright infringement is intended.

    Get the Latest Lyrics Updates!

    Subscribe now and never miss a new song lyric update.

    Failed to load audio, please try again later.
    Failed to load song data.
    Invalid email address entered!
    Enter your suggestion!
    Thanks for your suggestion!
    Link copied
    Stop & exit Playlist

    Suggest a Lyrics Edit

    Stop Song
    Rhyto-Artwork

    Aseda

    Rhyto
    × Add Rhyto to your Home Screen!